Ase Hɔ Asɛm
b Ɛwom sɛ nokware Kristofo nim sɛ mpɛn pii no nniso ahorow no yɛ wɔn ade te sɛ mmoa de, nanso sɛnea Bible no de akwankyerɛ ma no, wɔbrɛ wɔn ho ase ma ‘atumfo a wɔkorɔn’ no. (Romafo 13:1, NW) Nanso, sɛ saa atumfo no hyɛ sɛ wɔnyɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara de a, ‘wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa.’—Asomafo no Nnwuma 5:29.