Ase Hɔ Asɛm
a Ɛbɛyɛ sɛ Yohane, Sebedeo ba no dii Yesu akyi huu nneɛma a ɔyɛe bere a wohyiae nea edi kan no, na ɛno na ɛmaa Yohane tumi kyerɛw nneɛma a Yesu yɛe no ho asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ N’asɛmpa kyerɛwtohɔ no mu no. (Yohane, ti 2-5) Nanso, ɔsan kɔyɛɛ n’abusua adwuma a ɛyɛ mpataayi no bere bi ansa na Yesu too nsa frɛɛ no bio.