Ase Hɔ Asɛm
a Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no ko faa Sion Bepɔw a na ɛyɛ Yebusifo abannennen no de yɛɛ n’ahenkurow. (2 Samuel 5:6, 7, 9) Ɔsan de apam Adaka no kɔɔ hɔ. (2 Samuel 6:17) Esiane sɛ na Adaka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ wɔn ntam nti, wɔde Sion yɛɛ ɔsoro a ɛyɛ Onyankopɔn trabea no ho sɛnkyerɛnne ma ɛfatae.—Exodus 25:22; Leviticus 16:2; Dwom 9:11; Adiyisɛm 11:19.