Ase Hɔ Asɛm
a Kyerɛwnsɛm no de “hann” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ Onyankopɔn yɛ hann. (Dwom 104:1, 2; 1 Yohane 1:5) Wɔde Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛwɔ N’Asɛm mu no toto hann ho. (Yesaia 2:3-5; 2 Korintofo 4:6) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, na ɔyɛ wiase hann. (Yohane 8:12; 9:5; 12:35) Wɔka kyerɛɛ Yesu akyidifo sɛ wɔmma wɔn kanea nhyerɛn.—Mateo 5:14, 16.