Ase Hɔ Asɛm
a Ɔsomafo Paulo de asɛmfua a ɛyɛ den sɛ wɔde Borɔfo kasa biako pɛ bɛkyerɛ ase na edii dwuma wɔ asɛm yi mu. Nhoma bi ka sɛ: “Nea ntease kyerɛ ne sɛ obi befi ne pɛ mu agyae nsɛm mu ma aka, na wada tema ne odwo adi akyerɛ afoforo.” Enti, asɛmfua no kyerɛ ahobrɛase ne ntease a wɔda no adi, na ɛnhwehwɛ sɛ obi yɛ katee wɔ Onyankopɔn mmara a wɔde bedi dwuma ho, na saa ara na ɛnsɛ sɛ obi ka sɛ ɔbɛyɛ biribiara a ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ.