Ase Hɔ Asɛm
a Adidi ntraso yɛ adwene a obi kura, na wɔkyerɛ adidi ntraso ase sɛ adifudepɛ anaasɛ didi a obi didi ma ɛboro so. Enti, su a obi wɔ wɔ aduan ho na wogyina so ka sɛ ɔyɛ odidifo, na ɛnyɛ sɛnea ne kɛse te so. Ebetumi aba sɛ obi kɛse yɛ nea ɛfata anaa ebi mpo a na ɔyɛ teaa nanso na ɔyɛ odidifo. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, yare betumi ama obi ayɛ kɛse aboro so, anaasɛ sɛ kɛse wɔ n’abusua mu a ebetumi ama aba saa. Ade titiriw a wogyina so hu sɛ obi didi tra so ne sɛ onipa no fom aduan, na ɛnyɛ ne kɛse so.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ November 1, 2004, Ɔwɛn-Aban, mu no.