Ase Hɔ Asɛm
a Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ asɛm yi ne Maria akwantu a edi kan no mu no nsow: ‘Maria sɔre kɔɔ’ Elisabet hɔ. (Luka 1:39) Saa bere no, esiane sɛ na ɔne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe nanso wɔnwaree nti, ebia Maria sii gyinae a wanka ho asɛm ankyerɛ Yosef. Wɔwaree akyi no, wɔka sɛ Yosef na ɔyɛɛ wɔn akwantu no ho nhyehyɛe, na mmom ɛnyɛ Maria.