Ase Hɔ Asɛm
a Mmeae a wɔagyigya ato hɔ wɔ nhoma no mu a ɛma obi ankasa kyerɛw nsɛm bi wɔ hɔ no mu bi fa mpanyin ne mmofra nyinaa ho. Sɛ nhwɛso no, adaka a ɛne “Control Your Anger” (Hyɛ Wo Ho so wɔ Abufuw Ho) a ɛwɔ (kratafa 221) no betumi aboa wo ne wo babarima anaa wo babea. Saa ara na “Peer-Pressure Planner” (Ɔkwan a Mɛfa so Adi Atipɛnfo Nhyɛso So) (kratafa 132-133), “My Monthly Budget” (Nea Mede Me Sika Bɛyɛ Ɔsram Biara), (kratafa 163), ne “My Goals” (Me Botae Ahorow) (kratafa 314) nso betumi aboa.