Ase Hɔ Asɛm
b Wɔ saa mfatoho yi mu no, aba a wogu no nyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a wɔnam so de nnipa foforo ba asafo no mu ma wɔbɛyɛ Kristofo a wɔbɛsra wɔn no. Yesu kaa aba pa a wogui wɔ afuw mu no ho asɛm sɛ: “Aba pa no ne ahenni mma no,” ɛnyɛ sɛ wɔbɛba abɛyɛ Ahenni no mma. Aba a wogu no gyina hɔ ma saa Ahenni mma no a wɔsra wɔn wɔ wiase nyinaa no.