Ase Hɔ Asɛm
c Sɛnea nhomanimfo binom kyerɛ no, Hebri kasakoa a wɔkyerɛɛ ase “ma minyi” a ɛwɔ Exodus 32:10 no betumi akyerɛ sɛ na wɔreto nsa afrɛ Mose, anaa wɔresusuw ho akyerɛ no sɛ wɔbɛma no kwan ma wasrɛ, anaasɛ ‘wagyina’ Yehowa ne ɔman no “ntam.” (Dw. 106:23; Hes. 22:30) Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi pefee sɛ anyɛ Mose den sɛ ɔbɛka n’adwene akyerɛ Yehowa.