Ase Hɔ Asɛm
a Bible ho abenfo bi susuw sɛ asɛm a ɛne “were si were ananmu” no betumi akyerɛ sɛ bere tenten a na Hiob betumi akora n’ankasa were anaa ne nkwa so no, na ɔbɛma kwan ma ne mma ne ne mmoa were asɛe anaa wɔawuwu. Afoforo nso kyerɛ sɛ saa asɛm no si so dua sɛ obi bɛma kwan ma ne were fã bi asɛe de apere ne nkwa. Sɛ nhwɛso no, ebia obi de ne nsa begye twɛre a obi de rebɛbɔ ne tirim, na ama wahwere ne were fã bi de abɔ ne were a aka ho ban. Ɛmfa ho nea na kasakoa no kyerɛ biara no, ɛda adi sɛ ɛkyerɛ sɛ na Hiob ani begye ho sɛ ɔde biribiara a ɔwɔ bɛbɔ afɔre bere tenten a na obetumi atena nkwa mu no.