Ase Hɔ Asɛm
e Wɔ November 22, 2010 no, atemmufo baanum a wɔwɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no Bagua Kɛse mu no bɔɔ asɛm a Russia de kɔtoo wɔn anim sɛ wɔde asɛm no rekɔdan Asɛnnibea no Bagua Kɛse no gui. Ná ɛno kyerɛ sɛ gyinae a wosii wɔ June 10, 2010 no atwa asɛm no so, na ɛno na ɛsɛ sɛ obiara de yɛ adwuma.