Ase Hɔ Asɛm
d Boas maa Rut atoko asusude asia a wɔankyerɛ ade pɔtee a ɔde susuwii. Ebetumi aba sɛ, sɛnea wɔde nna asia yɛɛ adwuma na wɔhomee da a ɛto so ason no, na ɔde reka biribi akyerɛ Rut sɛ brɛ a wabrɛ wɔ ne kunayɛ mu no, ɛrenkyɛ na wanya “home” wɔ ne kunu fie. Ebetumi nso aba sɛ apaawa asusude asia na Boas de maa no, na nea Rut betumi asoa ara ne no.