Ase Hɔ Asɛm
d Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, sɛ okunu anaa ɔyere gyaw ne hokafo anaa ne mma hɔ kɔtena amannɔne a, ɛde ɔhaw pii ba. Ɔhaw yi bi ne awaresɛe, ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbea ne ɔbea nna, ne mogyafra. Etumi ma mmofra bi yɛ bɔtee anaa nofonofo. Ebinom nso ani so yɛ krakra. Mmofra a wɔte saa ntumi nsua ade yiye wɔ sukuu, na ɛtɔ da mpo a na wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho.