Ase Hɔ Asɛm
c Sɛ atubrafo kɔ baabi a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no yɛ ntɛm de akwankyerɛ a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 8, nkyekyɛm 30 no yɛ adwuma. Sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wɔne asafo a otubrafo bi fi mu di nkitaho a, mpanyimfo no betumi afa jw.org so ne baa dwumadibea a ɛwɔ mpanyimfo no ankasa man mu adi nkitaho. Enkosi sɛ mpanyimfo no bɛte biribi afi asafo a otubrafo no fi mu hɔ no, wobetumi de anifere abisabisa otubrafo no nsɛm bi afa asafo a ofi mu ne n’asɛnka adwuma ho. Ɛno bɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea otubrafo no mmɔdenbɔ te wɔ Onyankopɔn som mu.