Ase Hɔ Asɛm
b Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ nnipa a wobetwa Harmagedon no bi bɛyɛ nkurɔfo a wɔadi dɛm. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔsaa nkurɔfo a na ‘ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa bi’ wɔ wɔn so yare. Wei ma yehu nea ɔbɛyɛ ama wɔn a wobetwa Harmagedon no; ɛnyɛ nea ɔbɛyɛ ama wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no. (Mat. 9:35) Wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu bɛba no, na wonni ɔhaw biara wɔ wɔn nipadua mu.