Ase Hɔ Asɛm
a Afe 2019 afe asɛm a wɔapaw ama yɛn no bɛma yɛahu nneɛma mmiɛnsa nti a sɛ nneɛma bɔne sisi wɔ wiase anaa yɛn asetenam mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu. Adesua yi bɛma yɛahu saa nneɛma no, na aboa yɛn na yɛn ani anyɛ yɛn totɔtotɔ. Afei nso, ɛbɛma yɛde yɛn ho ato Yehowa so kɛse. Dwinnwen afe asɛm no ho. Sɛ wubetumi a, kyere gu wo tirim. Ɛbɛhyɛ wo den ama woatumi agyina nsɛnnennen a wubehyia ano.