Ase Hɔ Asɛm
a Sɛnea na odwontofo Dawid dɔ Yehowa no, yɛn nyinaa nso dɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yeyi no ayɛ. Sɛ yehyiam wɔ asafo nhyiam ase a, yenya hokwan soronko bi a yɛde bɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn. Nanso, ɛyɛ den ma yɛn mu binom sɛ yɛbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ saa a, adesua yi bɛboa wo ama woahu nea ɛma wobɔ hu no, na afei woabɔ mmɔden adi so.