Ase Hɔ Asɛm
a Adesua yi ne mmienu a edi hɔ no yɛ adesua asɛm a etwa to wɔ February 2019, Ɔwɛn-Aban mu no ntoaso. Ɛma yehu nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na obu atɛntrenee. Yehowa pɛ sɛ afoforo ne ne nkurɔfo di no yiye, na ɔkyekye wɔn a afoforo ne wɔn anni no yiye wɔ wiase bɔne yi mu no werɛ.