Ase Hɔ Asɛm
b NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Yɛka sɛ obi ato abofra mmonnaa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, obi a wanyin de abofra bi bedwudwo nna ho akɔnnɔ a ɔwɔ. Ebi ne sɛ ɔne abofra no bɛda, ɔbɛtaforo n’anan mu anaa ɔbɛtaforo abofra no barima ho. Anaasɛ ɔbɛma abofra no ataforo ne barima ho anaa n’anan mu, anaa ɔbɛfa abofra no wɔ ne to. Ɔbɛgoro abofra no barima ho anaa n’anan mu, anaasɛ ɔbɛma abofra no agoro n’anan mu anaa ne barima ho. Obemiamia anaa obesuso abofra no nufu anaa ne to, anaa ɔne abofra no bɛyɛ nna ho biribi a ɛmfata. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ obi to abofra mmonnaa a, wapira no, na wayɛ no bɔne pa ara. Nanso, ɛnyɛ abofra no mfomso sɛ wɔato no mmonnaa. Mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no dodow no ara yɛ mmeawa de, nanso wɔto mmarimaa pii nso mmonnaa. Ɛwom sɛ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no, dodow no ara yɛ mmarima de, nanso mmea binom nso to mmofra mmonnaa.