Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ yedwinnwen pii anaa dadwen hyɛ yɛn so kyɛ a, ebetumi ahaw yɛn nipadua na ama yɛn abam abu. Dɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa yɛn? Yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa boaa Elia ma otumi gyinaa ɔhaw ano. Nnipa foforo bi nso ho nsɛm wɔ Bible mu a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛkɔ Yehowa nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa bere a yɛreteetee.