Ase Hɔ Asɛm
a Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, yɛpɛ sɛ yenya nkɔso na yɛma yɛn ho kokwaw sɛ Kristofo. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw! Krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no, nkuranhyɛsɛm bi wom a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so amia yɛn ani atu nkwa ho mmirika no. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛde asɛm a Onyankopɔn maa Paulo kyerɛwee no bɛyɛ adwuma.