Ase Hɔ Asɛm
a Tete no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe soronko bi a na ɛbɛma Israelfo no ade wɔn ho anaa wɔanya ahofadi. Ɛno ne Ahofadi afe no. Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso ɛho hia sɛ yesua Ahofadi afe no ho ade. Adesua yi mu no, yebehu sɛnea Ahofadi afe a na Israelfo no di no kae yɛn nhyehyɛe bi a Yehowa ayɛ ama yɛn. Yɛbɛsan ahu sɛnea saa nhyehyɛe no betumi aboa yɛn.