Ase Hɔ Asɛm
c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu mpanyimfo bi ahyia, na wɔaka akyerɛ onua bi a ne mfe akɔ anim a ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so wɔ asafo no mu sɛ ɔmmoa asafo mu panyin bi a ɔyɛ aberante ma ɔnhwɛ so. Ɛwom sɛ onua a ne mfe akɔ anim no ani gye saa hokwan no ho de, nanso ofi ne koma nyinaa mu gye nea mpanyimfo aka no tom. Enti, ɔma onua aberante no nyansahyɛ a ebetumi aboa no, na ɔkamfo no nso.