Ase Hɔ Asɛm
b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛka sɛ adwinnwen ahyɛ obi so a, nea ɛkyerɛ ne sɛ onii no abɔ hu anaa asɛm bi haw no. Sikasɛm, yare, abusua mu nsɛmnsɛm, anaa ɔhaw foforo bi betumi akɔfa adwinnwen abɛto obi so. Ebi nso a, bɔne a yɛyɛe bere bi a atwam anaa nsɛnnennen bi a ɛyɛ yɛn sɛ ɛbɛto yɛn daakye betumi akɔfa adwinnwen aba.