Ase Hɔ Asɛm
a Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, nyansa, ne abotare. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a wabɔ na yesusuw bɔ a wahyɛ sɛ obenyan awufo no ho a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ saa suban ahorow yi ampa. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa bi a ɛfa owusɔre no ho. Afei nso ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛkyerɛ Yehowa dɔ, ne nyansa, ne n’abotare ho anisɔ.