Ase Hɔ Asɛm
a Adesua a edi wei anim no hyɛɛ Bible asuafo a wɔde nea wɔresua no rebɔ wɔn bra no nkuran sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo sɛnea Yesu kae no. Sɛ yefii asɛnka ase akyɛ oo, sɛ yefii ase nkyɛe oo, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi ayɛ wɔ adesua yi mu. Wei bɛhyɛ yɛn den ama yɛakɔ so aka Ahenni no ho asɛmpa no kosi sɛ Yehowa bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛawie.