Ase Hɔ Asɛm
a Ɛtɔ da a eye sɛ yɛbɛkae nneɛma bi a asisi wɔ yɛn asetenam. Nanso yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a atwam no so ara ma yɛn werɛ fi nea Yehowa reyɛ ama yɛn seesei ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no. Nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a yɛyɛ a ɛma yɛde yɛn adwene si nneɛma a atwam no so dodo. Yebesusuw ho wɔ adesua yi mu. Yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm ne sɛnea yɛn nuanom nhwɛso bɛboa yɛn na mfiri a ɛte saa anyi yɛn.