Ase Hɔ Asɛm
a March 27, 2021 yɛ da titiriw paa ma Yehowa Adansefo. Saa da no anwummere na yɛbɛkae Kristo wu no. Wɔn a wɔbɛkɔ bi no, dodow no ara ka nnipakuw a Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” no ho. Afe 1935 no, wɔde nokwasɛm titiriw bi a ɛfa saa nnipakuw no ho too gua. Ɛyɛ nokwasɛm bɛn? Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na ɛda hɔ retwɛn nguan foforo no wɔ ahohiahia kɛse no akyi? Sɛ nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase a, ɛdɛn na wɔbɛyɛ de ayi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ?