Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ ɔbarima ware a, na wabɛyɛ abusua foforo no ti anaa obi a odi abusua foforo no anim. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea tiyɛ kyerɛ, ne nea enti a Yehowa ayɛ tiyɛ nhyehyɛe no. Afei nso yɛbɛhwɛ nea mmarima betumi asua afi sɛnea Yehowa ne Yesu di tumi no mu. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea ɔbarima warefo ne ne yere betumi asua afi Yesu ne ebinom a Bible ka wɔn ho asɛm no nso hɔ. Adesua a ɛto so mmiɛnsa no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ anuanom mmarima de tumi a wɔde ama wɔn no yɛ adwuma wɔ asafo no mu.