Ase Hɔ Asɛm
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Polisifo akɔkyere onua bi wɔ ne fie. Ne yere ne ne ba abaayewa gyina hɔ na polisifo de no rekɔ. Bere a onua no da afiase no, anuanom mmea ne mmarima akɔka ne yere ne ne ba no ho ama wɔreyɛ abusua som. Maame no ne ne ba abaayewa no bɔ mpae daa srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wɔn den mma wontumi nnyina sɔhwɛ no mu. Yehowa ama wɔanya asomdwoe wɔ wɔn komam, na wama wɔanya akokoduru. Ɛno nti, wɔn gyidi ayɛ den, na wɔde anigye refa sɔhwɛ no mu.