Ase Hɔ Asɛm
a Yɛn nuanom bebree wɔ hɔ a, ɛyɛ den paa sɛ wobegye adi sɛ Yehowa dɔ wɔn. Adesua yi mu no, yebehu nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn mu biara. Afei nso ɛba sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ayi saa adwene no afi yɛn tirim.