Ase Hɔ Asɛm
a Adesua a edi wei anim no, yehuu nneɛma nnan bi nti a nkurɔfo annye Yesu anni wɔ ne bere so ne nea enti a nnɛ nkurɔfo ntie asɛm a n’akyidifo ka no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma foforo nnan nso aka ho. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a nnipa a wofi wɔn komam dɔ Yehowa mma biribiara nto wɔn hintidua.