Ase Hɔ Asɛm
a Yɛte mmere a emu yɛ den mu, enti yehyia ɔhaw bebree. Nanso Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina ano. Adesua yi mu no, yebehu sɛ ɔhaw ne amanehunu a ɔsomafo Paul ne Timoteo faa mu nyinaa, Yehowa boaa wɔn ma wɔkɔɔ so som no. Yɛbɛhwɛ nea Yehowa yɛ de boaa wɔn. Ɛnnɛ nso, Yehowa ama yɛn nneɛma nnan bi a ɛboa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ahorow ano na yɛkɔ so som no. Yɛbɛhwɛ saa nneɛma nnan no.