Ase Hɔ Asɛm
a Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yesu boaa nkurɔfo ma wɔbɛyɛɛ n’asuafo ne sɛnea yebetumi asuasua no. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde yɛn nhoma foforo a wɔato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no afã bi bɛboa yɛn Bible asuafo. Wɔyɛɛ nhoma yi sɛ yɛmfa mmoa yɛn Bible asuafo ma wonnya nkɔso mmɔ asu.