Ase Hɔ Asɛm
a Satan te sɛ ɔbɔmmɔfo a onim ahayɔ paa. Sɛ yɛasom Yehowa akyɛ sɛ dɛn mpo a, ɔpɛ sɛ osum yɛn afiri. Adesua yi mu no, yebehu sɛnea Satan pɛ sɛ ɔma ahantan ne anibere sɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea ebinom maa ahantan ne anibere sum wɔn afiri, na yɛahwɛ nea yɛbɛyɛ na mfiri a ɛtete saa anyi yɛn.