Ase Hɔ Asɛm
a Yɛdɔ Yehowa paa, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu. Ɛno nti, ebia yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no pii, anaa yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yenya hokwan foforo bi wɔ asafo no mu. Nanso sɛ yɛn mmɔdenbɔ nyinaa akyi, yɛantumi annu botae a yɛpɛ sɛ yedu ho no nso ɛ? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛakɔ so de anigye ayɛ pii wɔ Yehowa som mu? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ dwetikɛse ho mfatoho a Yesu mae no mu.