Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ yɛyɛ bɔne bi na yɛka sɛ yɛanyɛ no yiye a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ampa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Ɔhene Ahab, Ɔhene Manase, ne ɔba desɛefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho mu no, na ɛbɛma yɛahu nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa. Afei nso, sɛ onua bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, adesua yi bɛboa mpanyimfo no ama wɔahu nea ɛkyerɛ sɛ onii no anu ne ho ampa.