Ase Hɔ Asɛm
a Bere a Yesu kaa sɛ ne nguan betie ne nne no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ n’asuafo betie ne nkyerɛkyerɛ na wɔde abɔ wɔn bra. Adesua yi mu no, yebesusuw Yesu nkyerɛkyerɛ mmienu bi a ɛho hia paa ho. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yedwinnwen asetena mu ahiade ho, na yegyae sɛ yebu nkurɔfo atɛn. Yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde n’afotu no bɛyɛ adwuma.