Ase Hɔ Asɛm
a Yehowa ma yɛn awerɛhyem wɔ n’Asɛm no mu sɛ, wayɛ krado sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Nanso ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ yɛmfata sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a yebetumi agye adi sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn.