Ase Hɔ Asɛm
a Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa na yɛde onii no bɔne kyɛ no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ bɔne a sɛ obi yɛ yɛn a yebetumi de akyɛ no, ne nea ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ asafo mu mpanyimfo. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara de ne yɔnko bɔne kyɛ no. Ɛno akyi, yɛbɛhwɛ nhyira a yebenya bere a yɛayɛ saa no.