Ase Hɔ Asɛm
a Ɛtɔ da na sɛ ehu ka yɛn a eye, efisɛ etumi boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ebetumi apira yɛn ho. Nanso ehu bi wɔ hɔ a enye, na ebetumi adi yɛn awu. Adɛn ntia? Efisɛ Satan betumi afa saa ehu no so anya yɛn. Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa di ehu a ɛte saa so. Dɛn na ebetumi aboa yɛn? Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, sɛ yegye di paa sɛ Yehowa wɔ yɛn afã na ɔdɔ yɛn a, yebetumi adi ehu biara so.