Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ yɛreka obi a ohyiaa amanehunu paa na otumi gyinaa mu a, Hiob na ne ho asɛm taa ba yɛn tirim. Nea saa ɔbarima nokwafo no faa mu no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Baako ne sɛ, Satan rentumi nhyɛ yɛn mma yennyae Yehowa som. Afei nso, ɛma yehu sɛ nea ɛbɛto yɛn biara, Yehowa ani tua. Bio nso, sɛnea Yehowa maa Hiob amanehunu no baa awiei no, da bi bɛba a obeyi yɛn amanehunu nyinaa afi hɔ. Sɛ yɛde yɛn abrabɔ kyerɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gye saa nokwasɛm yi di a, ɛkyerɛ sɛ yɛka wɔn a wɔde wɔn ‘ani to Yehowa so’ no ho ampa.