Ase Hɔ Asɛm
a Nyansa a efi Yehowa hɔ no, biribiara nni wiase yi mu a yebetumi de atoto ho. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛtɔ da a Mmebusɛm nhoma no ka nyansa ho asɛm. Ɛka sɛ ɛte sɛ obi a ɔreteɛm wɔ abɔnten so. Yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi anya nyansa, nea enti a ebinom po nyansa, ne sɛnea yɛyɛ aso tie nyansa a, ɛbɛboa yɛn.