Ase Hɔ Asɛm
a Ɔhaw a Yehowa asomfo hyia no, adesua yi bɛma yɛahu akwan mmiɛnsa a Yehowa fa so boa wɔn ma wɔde anigye gyina ano. Yebesusuw Yesaia ti 30 ho, na ɛbɛma yɛahu akwan mmiɛnsa no. Bere a yɛresusuw saa ti no ho no, ɛbɛkae yɛn sɛ ɛho hia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae na yesua n’Asɛm no. Afei nso, ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛnea Yehowa rehyira yɛn nnɛ, ɛne nhyira a yebenya daakye no, ehia sɛ yedwinnwen ho.