Ase Hɔ Asɛm
b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: “Honhom fam paradise” no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so baabi a ahobammɔ wɔ a yɛde baakoyɛ som Yehowa. Ɛhɔ no, yenya honhom fam aduan pii a atorosom nkyerɛkyerɛ biara mfrafra mu. Afei nso, yenya hokwan pii de ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ma yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɛma yɛne Yehowa nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Ɛno da nkyɛn a, yɛn nuanom a wɔboa yɛn ma yɛde anigye gyina asetena mu haw ano no, ɛboa yɛn ma yɛne wɔn tena asomdwoe mu. Sɛ yefi ase som Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so, na yɛyɛ nea yebetumi biara suasua no a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ honhom fam paradise no mu.