Ase Hɔ Asɛm
a Nneɛma a Yehowa abɔ yɛ fɛ, na ɛyɛ nwanwa. Sɛ yɛhwɛ tumi paa a efi awia no mu, na yɛhwɛ nhwiren ketewa bi nso a esi baabi a, ne nyinaa tumi ma yɛn ho dwiriw yɛn. Nea yesua fi abɔde mu no betumi aboa yɛn ma yɛasua Yehowa ho ade pii. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛboa yɛn ama yɛabɛn Onyankopɔn.