Ase Hɔ Asɛm
a Ɔmaa ahum bi a ɛretu yɛɛ dinn, ɔsaa ayarefo yare, na onyanee awufo. Anwanwade ahorow a Yesu yɛe no, sɛ yɛkan ɛho asɛm a, ɛma yɛn ani gye sɛ! Wɔakyerɛw wei nyinaa wɔ Bible no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebesua biribi afi mu, na ɛnyɛ sɛ yɛde begyigye yɛn ani. Yebesusuw anwanwade no bi ho, na yɛasua biribi afa Yehowa ne Yesu ho a ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Afei nso, ɛbɛma yɛahu suban pa a ɛsɛ sɛ yenya.