Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ wo dɔfo bi awu a, ɛnde, yegye di sɛ owusɔre anidaso no rekyekye wo werɛ paa. Sɛ saa a, wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo ma wɔahu nea enti a wugye di sɛ owusɔre no bɛba? Afei nso, owusɔre anidaso a wowɔ no, wobɛyɛ dɛn ahyɛ mu den? Owusɔre anidaso a yɛwɔ no, adesua yi bɛboa yɛn nyinaa ma yɛahyɛ mu den.