Ase Hɔ Asɛm
a Sɛnkyerɛnne kwan so kwantempɔn a na efi Babilon kɔ Israel no, Yehowa frɛɛ no “Ɔkwan Kronkron.” Ɛnnɛ nso ɛ, Yehowa ayi kwan bi ato hɔ ama ne nkurɔfo anaa? Yiw. Efi afe 1919 no, nnipa ɔpepem pii afi Babilon Kɛse no mu, na wɔabɛfa “Ɔkwan Kronkron” no so. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so fa ɔkwan no so kosi sɛ yebedu baabi a yɛrekɔ.